Mmaransɛm No Mu Kɛseɛ Pa Ara
34Farisifoɔ no tee sɛ Yesu abu afa Sadukifoɔ no so no, wɔkɔhyiaa Yesu. 35Wɔn mu baako a ɔyɛ mmaranimfoɔ bisaa Yesu sɛ, 36“Owura, Mose mmaransɛm no mu deɛ ɛwɔ he koraa na ɛkyɛn ne nyinaa?”
37Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”


