Wɔtaa Asomafo No

1Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade. 2Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo. 3Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. 4Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim.

5Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so.